Nicolas Jackson Efi Chelsea: Ɔbɛkɔ he?
Striker Nicolas Jackson ne Chelsea agye atom sɛ obetumi afi kurow no mu. Mfeɛ 24 akɔreɛ no tetee n'ankasa ho wɔ Fiada ɛnam sɛ Newcastle pɛ sɛ wɔ ne no yɛ adwuma ɛfiri sɛ Benjamin Sesko a ɔrekɔ Manchester United no deɛ, ankɔ yie.
Wɔannyae no anka Fiada agodie a na wɔne Bayer Leverkusen rebɛbɔ no. Saa asɛm yi yɛ Jackson ne Chelsea nyinaa dea, ɛfiri sɛ Blues no atɔ strikers mmienu saa summer yi – Joao Pedro firi Brighton ne Liam Delap firi Ipswich Town.
Chelsea wɔ anidaso sɛ wɔbɛnya nea ɛboro £32m a wɔde tɔɔ Senegal striker no firi Villarreal wɔ afe 2023 mu no mprenu. Kurow no gye di sɛ ne boɔ yɛ den sene £52m a Arsenal de tɔɔ Noni Madueke ɛnam sɛ striker no goals ne assists dɔɔso.
Sɛ wɔantumi antɔn no wɔ boɔ a wɔpɛ so a, Chelsea wɔ adwene sɛ wɔde Jackson bɛka squad no ho bio. Christopher Nkunku nso nni agodie no mu ɛnam sɛ ebia ɔbɛkɔ nanso ɔresa apirakuru ketewa bi a ɔnyaaeɛ no.
Jackson abɔ goals 30 na waboa 12 wɔ agodie 80 mu ama Chelsea wɔ mfeɛ mmienu a wadi wɔ kurow no mu no. Wɔ September 2024 mu no, ɔde ne nsa hyɛɛ mfeɛ nkron apam ase de kɔsii afe 2033.
Arsenal nso pɛɛ Nicolas Jackson
Arsenal ka kurow a wɔde Nicolas Jackson maa wɔn sɛ wɔntɔ no ɛnam sɛ ɔrepɛ sɛ ɔfiri Stamford Bridge saa summer yi. Wɔn a wɔnim asɛm no mu no aka sɛ Jackson bɛfiri Chelsea wɔ nnawɔtwe kakra a ɛreba yi mu, na kurow pii na wɔrepɛ no.
Ɛte sɛ neɛ Arsenal ampe saa asɛm no ɛfiri sɛ na wɔpɛ sɛ wɔde Viktor Gyokeres bɛka wɔn ho sɛ wɔn striker foforɔ saa summer yi. Ɛnnɛ Newcastle ne Aston Villa na wɔpɛ Jackson paa, nanso Senegal international no renya nnyaeɛ.
Chelsea pɛ £60m sɛdeɛ wɔde bɛgye Nicolas Jackson ɛfiri sɛ kurow mmiɛnsa na wɔpɛ no.
Chelsea dii kan yɛɛ Jackson boɔ £80m, nanso mpaninfoɔ aka sɛ Blues no bɛgye sika kakraa bi a ɛbɛyɛ £60m. Manchester United nso susuu Jackson ho berɛ bi saa summer yi, nanso wɔhunuu sɛ ne boɔ yɛ den dodo, na wɔpɛɛ sɛ wɔde Alejandro Garnacho bɛsesa no, nanso ankɔ so.
Bayern Munich abɛka asɛm no ho
Bayern Munich abɛka Nicolas Jackson ho ɛnam sɛ Chelsea pɛ sɛ ɔfiri wɔn nkyɛn.
Nicolas Jackson daakye wɔ Chelsea nnyɛ nokware ɛnam sɛ ɛrekɔ so sɛ ɔbɛfiri Stamford Bridge wɔ nnawɔtwe kakra a ɛreba yi mu. Jackson ama Blues foɔ no mu abɔ mmienu ɛfiri sɛ abɛduru Villareal ɛnam sɛ ne ho wɔ mfasoɔ.
Mfeɛ 24 akɔreɛ no abɔ goals 30 wɔ agodie 81 mu ama West London kurow no nanso wagu fam saa summer yi. Liam Delap ne João Pedro abɛduru ɛkyerɛ sɛ Jackson nni gyinaeɛ sɛ ɔbɛyɛ Chelsea striker ɛnam sɛ Brazilian international Pedro bɛhyɛ aseɛ sɛ ɔbɛdi kurow no anim.