Accra High Court agyae Mildred Donkor, ɔbaa a Attorney-General bɔɔ no soboɔ sɛ ɔne National Signals Bureau (NSB) kan Director-General, Kwabena Adu-Boahene ne ne yere yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyi aban sika bɛboro GH¢49 million afiri hɔ wɔ apam bi a wɔde bɛtɔ software ama ɔman no mu.
Wɔgyaa no Fida [Oct 17, 2025] anɔpa nnɔn 11. Donkor, a ɔyɛ Director of Advantage Solutions Limited, adwumakuo a wɔkyerɛ sɛ Adu-Boahene de dii dwuma de yii GH¢49 million no de kɔtɔɔ asase wɔ Accra, Kumasi ne London, ne agyapadeɛ foforɔ nso, na wɔrebu no soboɔ sɛ ɔne afoforɔ abɔ pɔ sɛ wɔbɛfom sika, na wɔrebu no soboɔ nso sɛ wabɔ sika.
Ɛnnɛ wɔ asɛnnibea hɔ no, Deputy Attorney-General, Dr Justice Srem-Sai, nam krataa bi a ɔde reyi asɛm no firii hɔ so, ayi soboɔ a wɔde abɔ Donkor no nyinaa afiri hɔ. Wɔyɛɛ yei de dii Criminal Procedure Code 1930 (Act 30) ahyɛdeɛ a ɛma Attorney-General tumi ne kwan sɛ ɔbɛyi obi a wɔrebu no soboɔ afiri asɛm no mu no akyi.
Seisei deɛ, Attorney-General de Mildred Donkor, a seisei ɔbɛdi adanseɛ ama aban no, adansedie krataa akɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a A-G asɛm a ɛtia Adu-Boahene ne ne yere, Angela Adjei Boateng no bɛyɛ den. Ansa na wɔregyae Donkor no, Adu-Boahene mmaranimfoɔ, Samuel Atta Akyea kasa tiaa ɔkwan a Deputy A-G faa so yii soboɔ a ɛtia Donkor no. Ɔkaa sɛ berɛ a wɔresusu soboɔ a wɔde abɔ Donkor no ho no, ɛsɛ sɛ Deputy A-G nam asɛm bi a ɔde bɛkɔ asɛnnibea hɔ so na ɛyi soboɔ no afiri hɔ, na asɛnnibea no ayɛ ho gyinaeɛ, na ɛnyɛ krataa a ɔde bɛyi asɛm no afiri hɔ kɛkɛ.
Nanso, ɔtemmuafoɔ a ɔhwɛ asɛm no so, Justice John Nyadu Nyante buu kasa tia no gui, na ɔkaa sɛ Attorney General, a mmara ahyɛ no tumi no.