Black Queens deɛ ɛreka sɛ wɔabɔ Egypt dɔm! ⚽🇬🇭

Black Queens deɛ ɛreka sɛ wɔabɔ Egypt dɔm! ⚽🇬🇭

Ghana Black Queens agofomma Chantelle Boye-Hlorkah ne Princess Dankwah Marfo aka sɛ wɔn gyidi wɔ team no mu akɔ soro paa, ɛfiri sɛ wɔrebɛko WAFCON qualifier a ɛyɛ den atia Egypt.

Wɔn mmienu yi, berɛ a team no rete training wɔ Ismailia no, wɔdaa no adi sɛ preparations akɔ so yie paa, na anigyeɛ wɔ camp no mu ɛfiri sɛ Ghana pɛ sɛ wɔnya result pa firi abɔnten so.

Chantelle kaa sɛ: "Ɛbɛyɛ sɛ abosome mmienu ni a yɛwiee WAFCON, seisei yɛasan abɛka bɔm bio sɛ yɛrebɛyɛ Egypt game no ho preparations. Ɛyɛ anigyeɛ sɛ yɛahunu obiara anim bio, sɛ yɛasan anya group no abɔm na yɛanya session pa bi."

"Meso adwendwen sɛ energy pa, determination ne sɛdeɛ yɛyɛɛ baako wɔ AFCON no mu no, fans bɛhunu firi yɛn hɔ."

Ɔkaa kaa ho sɛ: "Yɛpɛ sɛ yɛde saa nneɛma no nyinaa ba game a ɛreba no mu, na yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛnya nkɔsoɔ firi hɔ."

Princess nso kaa sɛ training no mu yɛ den paa, ɛyɛ detailed, na yɛntumi ntweɔn bio sɛ game no bɛhyɛ aseɛ ɛfiri sɛ yɛnim sɛ game yi ho hia yɛn paa, na me gye di sɛ preparation a yɛayɛ no, ɛbɛboa yɛn paa.

Ɔde kaa ho sɛ: "Ɛda adi sɛ fans bɛboa yɛn paa wɔ yɛn performances mu, enti yɛsrɛ wɔn sɛ wɔnnya yɛn mu gyidi na wɔmmɔ mpaeɛ mma yɛn, na yɛbɛyɛ deɛ ɛbɛtumi nyinaa de ayɛ adwuma pa."

Black Queens ne Egypt Cleopatras bɛsi akan wɔ 23rd October 2025 wɔ Suez Canal Authority stadium wɔ Ismailia.

GFA COMMUNICATIONS