Liverpool Fa Giovanni Leoni Didiɛm, Ɔbɛhyɛ Jersey Nɔma 15!
Liverpool football club abɔ Giovanni Leoni a wadi mfeɛ 18 a ɔfiri Parma no ase. Wɔatua £26m de atɔ no, na w'ayɛ apam de abɛdɔm kuo no kɔsi afe 2031.
Italy U-19 defender yi bɛhyɛ jersey nɔma 15 ama Reds no. Leoni kaa sɛ, "Mepaw nɔma 15 ɛfiri sɛ, me professional dwumadie a ɛdi kan no, na mewɔ saa nɔma yi, na mepɛ sɛ ɛtena me nkyɛn." Nnipa bi te sɛ Patrik Berger, Peter Crouch, Jamie Redknapp ne Daniel Sturridge na wɔahyɛ saa nɔma yi pɛn wɔ Liverpool wɔ Premier League berɛ so. Ɛfiri Alex Oxlade-Chamberlain afiri kuo no mu wɔ afe 2023 mu no, na saa nɔma no nni hɔ.
Liverpool coach Arne Slot kaa sɛ, Leoni yɛ obi a ɔwɔ potential kɛseɛ, na ɔbɛtumi abɛyɛ Virgil van Dijk successor daakye. Wɔhwɛ kwan sɛ Leoni bɛdɔm first-team squad no ntɛm ara.
Leoni kaa sɛ, ɛyɛ anigyeɛ sɛ wabɛdɔm Liverpool, na ɛyɛ kuo a ɛyɛ papa paa ara wɔ wiase. Ɔkaa sɛ, "Ɛnyɛ yɛ sɛ wobɛpo saa kuo yi." Ɔsan nso kaa sɛ, ɔpɛ sɛ ɔne ne teammates foforɔ no bɛnya nkɔsoɔ wɔ training mu ne agoprama no so, wɔ Premier League ne Champions League mu.
Leoni Bɛtena Liverpool vs. Bournemouth Agorɔ No Ase
Wɔhwɛ kwan sɛ Leoni bɛtena Liverpool agorɔ a ɛdi kan a wɔne Bournemouth bɛbɔ wɔ Anfield no ase Memeneda yi. Ɛbɛyɛ ne berɛ a ɛdi kan a ɔbɛhyɛ Liverpool jersey.
Nea Ɛkyerɛ Ne Sɛn Ma Liverpool?
Leoni adwadie no ma Liverpool nya defender a ɔyɛ aberanteɛ a ɔwɔ nkɔsoɔ kɛseɛ. Ɛmfa ho sɛ ɔyɛ aberanteɛ no, wɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛboa kuo no mmerɛ tiawa mu, na ɔbɛyɛ future star ma Reds no.